Write For Us

Asubura a εdi kan : Learn Asante Twi with subtitles - Story for Children "BookBox.com"

E-Commerce Solutions SEO Solutions Marketing Solutions
208 Views
Published
A warrior sets out in search of water to save his kingdom from drought. He brings home what they think is a 'water-seed'.
Asubura a εdi kan
BookBox too anansesεm no bio
Ahennie bi a εbεn tadeε
na εwɔ hɔ.
Ɔpεberε no mu
na tadeε no weeε,
εfiri sε nsuo antɔ.
Na amanfoɔ no de ahopopoɔ
kɔgyinaa ɔhene no anim.
Na akuafoɔ no kaa sε:
Nsuo tɔeε akyε.
Asase no ntumi nso aba!
Na apofofoɔ no bisaa sε:
Mpataa biara nni hɔ,
εbεyε dεn na yεanya sika?
Na mmaa no kaa sε:
Ɔhene pa, gye yεn nkwa.
Na nkwadaa no resu sε
sukɔm de ɔmo.
Na ɔhene no somaa
asahene nnan sε
ɔmo nkɔ hwehwε nsuo.
Sahene a ɔdi kan no
tu faa apueeε fam,
deε owia no pue;
deε ɔtɔ so mmienu no
tu faa anafoɔ fam,
na ɔrenam mfuturo
ne ɔhyew mu;
deε ɔtɔ so mmiεnsa no
tu faa atɔeε fam,
deε owia no gyina.
Na deε ɔtɔ so nnan no
dii nsoromma no a
εwɔ atifi no akyi.
Na ɔmo hwehwεε nsuo
awia ne anadwo,
anadwo ne awia;
ɔmo hwehwεε baabiara,
nanso ɔmo anhunu hwee.
Na asahene
nnan no mu mmiεnsa
de ɔmo nsa pan
sane baa fie.
Na sahene no a
ɔtu faa atifi fam no
bɔɔ ne tirim pɔ sε
ɔrengu ne hene anim ase.
Na wɔkɔduruu akuraase bi a
εsi bepɔ nkyεn.
Ɛberε a ɔretena
bepɔ no ase,
aberewa bi ba bεtenaa
ne nkyεn.
Na sahene no tenee ne nsa kyerεε
ewiem ne asase ahyiae no so
kaa sε:
Mefiri ahennie fεfεεfε,
afe nie na nsuo ntɔeε.
Wobεtumi aboa me
ama me ahwehwε nsuo?
Na aberewa no de no kɔɔ
bepɔ no so,
na ɔde no kɔɔ ɔbodan mu.
Na aberewa no kaa sε:
Yεn nso saa ara,
nsuo nni yεn kurom.
Na aberewa no tenee ne nsa kyerεε
asukɔtweaa no so
kaa sε:
Yεfrε wei asukɔtweaa.
Kɔfa bi,
sukɔm renba
w’ahennie no so da.
Na sahene no buu
asukɔtweaa keseε,
ɔde kɔtoo ne teaseεnam no mu,
na ɔde mmirika kɔɔ fie.
Na ɔduruu ahemfie hɔ no,
sεε na asukɔtweaa no anane
ayε ketewa.
Na asukɔtweaa no yεε
amanfoɔ no nwanwa.
Na ɔsɔfoɔ bi kaa sε:
Adeε wei yε nsuo-aba!
Na ɔhene no hyεε sε
wɔnkɔ nkɔdua ‘nsuo-aba’ no.
Ɛberε a akuafoɔ no retu
amena no,
asukɔtweaa no naneeε.
Na ɔmo de aba no too
amena no mu,
nanso,
ansa na ɔmo bεtumi akata
amena no so,
aba no yeraeε.
Na ɛyεε akuafoɔ no nwanwa.
Na εbaa sε aba no ayera no,
akuafoɔ no tuu amena
anadwo no nyinaa.
Anɔpahema na
ɔhene no hunuu sε
akuafoɔ no ada
amena bi nkyεn.
Na ɔhwεε amena no mu,
na ɔde anigyeε kaa sε:
Sɔre, nnipa tenenee,
nsuo-aba no afifi!
Nsuo wɔ amena no mu!”
Saa na
asubura a εdi kan no
baa wiase.
Illustrations: Emanuele Scanziani
Music: Holger Jetter
Animation : Alfrin Multimedia
Translated and Narrated by Elrod Owusu-Asumeng for Add My Language, a volunteer driven activity at BookBox. To know more email: [email protected]
FREE Apps for iPads & iPhones:
FREE Apps for Android phones & tablets:
Many more stories, languages & multiple subtitle options:
Category
Languages
Sign in or sign up to post comments.
Be the first to comment